17 Ahemman no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no ani gyeeɛ, na wɔdii ahurisie too pono+ sɛpɛɛ wɔn ho. Na aman no mu nnipa+ pii yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ,+ ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ho hu+ atɔ wɔn so.
2 Nkurɔfoɔ de wɔn bɛba wɔn asase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapadeɛ na wɔayɛ nkoa ne mfenaa wɔ Yehowa asase so.+ Na wɔbɛfa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nnommum,+ na wɔn a wɔkaa wɔn so kɔɔ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.+
14 “Wɔn a wɔma wo ho hiahia woɔ no, wɔn mma de nkotodwe bɛba w’anim.+ Na wɔn a wɔbu wo animtia no bɛkoto wo nan ase,+ na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kuro, Israel Kronkronni no Sion.+