Dwom 40:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwanwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+Sɛ mese mereka ho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sene deɛ mɛtumi akan.+ Ɔsɛnkafoɔ 7:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Deɛ aba nyinaa wɔ akyirikyiri, na emu dɔ yie. Hwan na ɔbɛtumi ahunu mu?+ Romafoɔ 11:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Na “hwan na wabɛhunu Yehowa adwene,+ anaasɛ hwan na wabɛyɛ ne fotufoɔ?”+
5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwanwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+Sɛ mese mereka ho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sene deɛ mɛtumi akan.+