Dwom 33:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu,+Na wagye wɔn nkwa, ɛkɔm berɛ mu.+ Dwom 37:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Wɔn ani renwu ahohia berɛ mu,+Na ɛkɔm berɛ mu nso, wɔbɛmee.+ Yesaia 33:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔno na ɔbɛtena mmepɔ so wɔ sorosoro;+ na ne tenabea bɛyɛ ɔbotan aban a ɛhɔ korɔ yɛ den.+ Wɔde n’aduane bɛma no,+ na ne nsuo rensa da.”+ Hosea 13:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Berɛ a wowɔ serɛ so,+ atiridii asase soɔ no, na meni wo.+
16 Ɔno na ɔbɛtena mmepɔ so wɔ sorosoro;+ na ne tenabea bɛyɛ ɔbotan aban a ɛhɔ korɔ yɛ den.+ Wɔde n’aduane bɛma no,+ na ne nsuo rensa da.”+