11 “Ɛfiri awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhye afɔrebɔdeɛ+ ama me din wɔ baabiara, ayɛyɛdeɛ ne akyɛdeɛ a ɛho teɛ,+ ɛfiri sɛ me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu,”+ Asafo Yehowa na aka.
9 na ama amanaman+ no ahyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ ne mmɔborɔhunu+ ho. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din amanaman mu, na mɛto ayeyi dwom ama wo din.”+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuo kɛseɛ bi nne ne nsuo pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyegyeeɛ. Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no afiri aseɛ redi hene.+