5 Yei bɛma Israelfoɔ de mmoa a anka wɔbɛku wɔn wuram+ no abrɛ ɔsɔfoɔ no na ɔno nso de abrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano+ na wɔde abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Yehowa.+
17 Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo+ mu, na wɔkɔgyina deɛ ɛwɔ mfimfini akyi, na wɔwe prakonam+ ne akyiwadeɛ ne akura+ mpo no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba,” Yehowa na aka.