13 Yei nti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me nkoa bɛdidi,+ na mo deɛ, ɛkɔm bɛde mo.+ Hwɛ, me nkoa bɛnya biribi anom,+ na mo deɛ, mo menem bɛwo.+ Hwɛ, me nkoa ani bɛgye,+ na mo deɛ, mo ani bɛwu.+
13 O Yehowa, Israel anidasoɔ,+ wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwu.+ Wɔn a wɔwae firi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛtwerɛ wɔn din, ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa a ɔyɛ nkwa nsutire no.+
18 Ma m’ataafoɔ ani nwu,+ na me deɛ, mma m’ani nnwu.+ Wɔn na ma ehu nka wɔn, na me deɛ, mma ehu nnka me. Ma mmusuo da+ no mmra wɔn so, na fa ɔsɛeɛ mmɔho sɛe wɔn.+