Dwom 36:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Wɔnom wo fie nnepa mee;+Na woma wɔnom w’anigyeɛ sɛ asubɔnten.+ Yeremia 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na mɛma mo nnwanhwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ,+ na wɔde nimdeɛ ne nhunumu bɛyɛn mo.+ Yoel 3:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Saa da no, ɛbɛba sɛ mmepɔ bɛsosɔ nsã dɔkɔdɔkɔ;+ nkokoɔ bɛsene nufosuo, na nsuo asene Yuda nsubɔn nyinaa mu. Nsuo aniwa bɛpue afiri Yehowa fie,+ na ɛbɛgugu Ɔkanto Nnua+ bɔn no so nsuo.
18 “Saa da no, ɛbɛba sɛ mmepɔ bɛsosɔ nsã dɔkɔdɔkɔ;+ nkokoɔ bɛsene nufosuo, na nsuo asene Yuda nsubɔn nyinaa mu. Nsuo aniwa bɛpue afiri Yehowa fie,+ na ɛbɛgugu Ɔkanto Nnua+ bɔn no so nsuo.