4 Na n’animuonyam fɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam+ a wɔde ahyɛ kuro a ɛda asase pa no atifi no bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛdi kan+ ba ansa na ahuhuro berɛ aduru no; sɛ obi hu no ne nsam ara pɛ a ɔbɛmene.
10 “Mehunuu Israel sɛ serɛ so bobe.+ Mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔma dua a aso n’aba a ɛdi kan.+ Wɔde wɔn ho maa Baal-Peor,+ na wɔhyiraa wɔn ho so maa aniwudeɛ,+ na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ adeɛ a wɔdɔ no no ara.+