15 Ɛno nti, adiyifoɔ a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ nkrantɛ anaa ɛkɔm biara remma asase yi soɔ no, deɛ Yehowa aka afa wɔn ho nie, ‘Nkrantɛ ne ɛkɔm na ɛde saa adiyifoɔ no awieeɛ bɛba.+
2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+