52 Na wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato soɔ no bɛbubu wɔ asase no nyinaa soɔ. Nokwasɛm nie, wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro mu wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so baabiara.+
15 ‘Hwɛ, merefrɛ anafoɔ fam ahennie mu mmusua nyinaa,’ Yehowa asɛm nie,+ ‘na wɔbɛba na obiara de n’ahennwa abɛsi Yerusalem kuro apono ano+ ne afasuo a atwa ho ahyia no ho ne Yuda nkuro+ nyinaa mu.