9 Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano bɛhyiaam Yerusalem ne nnansa soɔ, bosome a ɛtɔ so nkron+ no da a ɛtɔ so aduonu. Na nnipa no nyinaa tenatenaa nokorɛ Nyankopɔn fie no adihɔ baabi, na asɛm no ne nsuo a ɛretɔ+ nti wɔn ho popoeɛ.