12 Na mede adanseɛ krataa no maa Maseia ba Neria+ ba Baruk+ wɔ me papa nua ba Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adanseɛ krataa+ no ase no nyinaa anim ne Yudafoɔ a wɔwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ no anim.
45Asɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anom+ hyɛɛ nwoma mu, Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan mu no nie: