2 Ahemfo 25:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɛno akyi no, nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, ne asahene no sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Egypt,+ ɛfiri sɛ Kaldeafoɔ no nti wɔsuroeɛ.+ Yesaia 30:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔkɔ Egypt+ na wɔmmisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abandenden ase, na wɔakɔhunta Egypt nwunu ase!+ Yeremia 42:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 na moka sɛ: “Dabi, Egypt asase so na yɛbɛkorɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na yɛrenni aduankɔm, na ɛhɔ na yɛbɛtena”+ a, Yeremia 43:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na wɔkɔɔ Egypt+ asase so, na wɔantie Yehowa asɛm; wɔkɔeɛ ara kɔduruu Tapanes.+
26 Ɛno akyi no, nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, ne asahene no sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Egypt,+ ɛfiri sɛ Kaldeafoɔ no nti wɔsuroeɛ.+
2 Wɔkɔ Egypt+ na wɔmmisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abandenden ase, na wɔakɔhunta Egypt nwunu ase!+
14 na moka sɛ: “Dabi, Egypt asase so na yɛbɛkorɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na yɛrenni aduankɔm, na ɛhɔ na yɛbɛtena”+ a,