Yesaia 5:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Enti Yehowa bo afu ne man dendeenden, na ɔbɛtene ne nsa wɔn so akunkum wɔn.+ Na mmepɔ bɛwoso+ na wɔn afunu bɛsum mmɔnten so sɛ sumina.+ Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara. Hesekiel 38:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Me nti, ɛpo mu mpataa ne wiem nnomaa ne wuram mmoa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa ne asase so nnipa nyinaa ho bɛpopo,+ na mmepɔ bɛdwiri agu+ na abotan akɛseɛ abubu na afasuo nyinaa adwiri agu fam.’ Nahum 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔno nti mmepɔ woso, na nkokoɔ nane.+ Asase bɛhunu n’anim abɔ birim, wiase ne emufoɔ nyinaa.+ Habakuk 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɔte gyinaa sɛ ɔbɛwoso asase.+ Ɔhwɛeɛ, na ɔmaa aman ho popoeɛ.+ Na mmepɔ a ɛwɔ hɔ daa dwiri guiɛ,+ na nkokoɔ a ɛtim hɔ firi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan firi teteete.
25 Enti Yehowa bo afu ne man dendeenden, na ɔbɛtene ne nsa wɔn so akunkum wɔn.+ Na mmepɔ bɛwoso+ na wɔn afunu bɛsum mmɔnten so sɛ sumina.+ Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara.
20 Me nti, ɛpo mu mpataa ne wiem nnomaa ne wuram mmoa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa ne asase so nnipa nyinaa ho bɛpopo,+ na mmepɔ bɛdwiri agu+ na abotan akɛseɛ abubu na afasuo nyinaa adwiri agu fam.’
6 Ɔte gyinaa sɛ ɔbɛwoso asase.+ Ɔhwɛeɛ, na ɔmaa aman ho popoeɛ.+ Na mmepɔ a ɛwɔ hɔ daa dwiri guiɛ,+ na nkokoɔ a ɛtim hɔ firi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan firi teteete.