10 Mɛma me nne so asũ na matwa adwo mmepɔ no ho,+ na mmoa adidibea a ɛbɛdane serɛ so nti, mɛto kwadwom, ɛfiri sɛ wɔbɛhye ne nyinaa,+ na onipa biara rentwam wɔ hɔ; wɔrente nyɛmmoa nne wɔ hɔ.+ Ewiem nnomaa ne mmoa nyinaa bɛdwane, wɔn nyinaa bɛkɔ.+
3 “Mɛsɛe onipa ne aboa.+ Mɛsɛe wiem nnomaa ne po mu mpataa+ ne suntidua ne nnebɔneyɛfoɔ+ nyinaa. Na mɛtwa adasamma afiri asase so,”+ Yehowa anom asɛm nie.