10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so werɛ.+ Na nkrantɛ bɛdi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔdeɛ+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.
21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɛboɔ a ɛte sɛ oyuyammoɔ+ kɛseɛ bi so to twenee po+ no mu kaa sɛ: “Saa ara na wɔbɛto Babilon kuro kɛseɛ no hwii atwene, na wɔrenhu no bio da.+