Yeremia 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa ara woadaadaa+ ɔman yi ne Yerusalem sɛ wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso nkrantɛ ato ɔkra.” Yeremia 14:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Enti woapo Yuda koraa?+ Anaa wo kra kyiri Sion?+ Adɛn nti na woabɔ yɛn na yɛnnya ayaresa yi?+ Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nanso adepa bi amma; yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso hwɛ! ahudeɛ na ɛbaeɛ!+ Mika 1:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Deɛ ɔte Marot no hwɛɛ biribi papa anim,+ nanso bɔne na ɛfiri Yehowa hɔ aba Yerusalem pono ano.+
10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa ara woadaadaa+ ɔman yi ne Yerusalem sɛ wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso nkrantɛ ato ɔkra.”
19 Enti woapo Yuda koraa?+ Anaa wo kra kyiri Sion?+ Adɛn nti na woabɔ yɛn na yɛnnya ayaresa yi?+ Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nanso adepa bi amma; yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso hwɛ! ahudeɛ na ɛbaeɛ!+