15 Na amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no bɛbɔ wo ahohora+ atwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede anibereɛ aka w’anim no,+ wobɛyɛ sɛnnahɔ+ ne ahodwirideɛ ama amanaman no. Me Yehowa na maka.
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifoɔ; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuo ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie ka na n’ani sã n’atamfo.+