23 Wɔde agyan ne pea na ɛbɛba.+ Wɔn tirim yɛ den; wɔrenhu mmɔbɔ. Wɔn nne bɛgyegye sɛ ɛpo,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so.+ Wɔatwa ɛko mpasua sɛ ɔkofoni a ɔne wo rebɛko, O Sion babaa.”+
8 N’apɔnkɔ ho yɛ hare sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu koraa sene anadwo mpataku.+ N’apɔnkɔ de wɔn nan pempem fam kimkim, na wɔfiri akyirikyiri reba. Wɔtu fãã sɛ ɔkɔdeɛ a ɔde ahoɔherɛ rekɔdidie.+