Yeremia 46:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Egypt te sɛ nantwibereɛ kumaa a ne ho yɛ fɛ paa. Atifi fam na ntontom bɛfiri aba ne soɔ.+ Hesekiel 31:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “‘Eden dua+ bɛn na wosɛ no wɔ animuonyam+ ne kɛseyɛ mu? Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asase ase tɔnn.+ Na wo ne momonotofoɔ bɛda faako, wɔn a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn nkyɛn. Farao ne ne dɔm nyinaa nie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
18 “‘Eden dua+ bɛn na wosɛ no wɔ animuonyam+ ne kɛseyɛ mu? Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asase ase tɔnn.+ Na wo ne momonotofoɔ bɛda faako, wɔn a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn nkyɛn. Farao ne ne dɔm nyinaa nie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”