2 Ahemfo 25:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛnee mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ+ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+ 2 Berɛsosɛm 36:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ+ hene de nkrantɛ baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberanteɛ anaa ɔbaabunu, ɔpanin anaa deɛ wagoɔ mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa. Yeremia 39:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu, bosome a ɛtɔ so nnan, bosome no da a ɛtɔ so nkron na wɔbubuu kuro no afasuo no.+
4 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛnee mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ+ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+
17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ+ hene de nkrantɛ baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberanteɛ anaa ɔbaabunu, ɔpanin anaa deɛ wagoɔ mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.
2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu, bosome a ɛtɔ so nnan, bosome no da a ɛtɔ so nkron na wɔbubuu kuro no afasuo no.+