10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
4 O Israel mmepɔ,+ montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm! Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsutene ne abɔn ne mmeaeɛ a asɛe adane amamfõ+ ne nkuro a ɛda mpan a ayɛ afomdeɛ a aman a atwa ahyia di ho fɛ no nie;+