5 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a meyii Israel no,+ memaa me nsa so+ kaa Yakob fie ntam+ na memaa wɔhunuu me Egypt asase so.+ Aane, memaa me nsa so kaa wɔn ntam sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
15 Na memaa me nsa so kaa wɔn ntam wɔ serɛ so+ sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a mede maa wɔn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no.+ (Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.)+