8 Mɛkɔ akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asase no so akɔ asase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ,+ baabi a Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ teɛ.
31 Ɛbaa saa no nkurɔfoɔ no gye diiɛ.+ Na berɛ a wɔtee sɛ Yehowa adane n’ani+ aba Israelfoɔ so na wahunu wɔn amanehunu+ no, wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butuu fam.+
34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn nam sɔhwɛ,+ ne nsɛnkyerɛnne,+ ne anwanwadeɛ,+ ne ɛko,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne basa a wɔatene mu+ ne ahudeɛ+ so ayi ɔman bi afiri ɔman foforɔ mu de ne din ato wɔn so sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ maa mo Egypt wɔ mo anim no?