2 Ahemfo 19:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 W’ani abere me so+ na wo mmobɔmu abɛduru m’asom.+Enti me nso mede me daawa bɛwura wo hwene mu na mede me nnareka ato w’ano,+Na ɛkwan a wofaa so baa ha no, ɛno ara so na mɛma woafa akorɔ.”+ Hesekiel 29:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mede akɔtɔkorɔ bɛhyehyɛ w’afono mu+ na mama Nil asuasu mu mpataa afemfam w’abena ho. Na mɛyi wo ne mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa afiri Nil asuasu mu. Hesekiel 39:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mɛdane w’adwene na makã wo,+ na matwe wo afiri atifi+ fam akyirikyiri aba Israel mmepɔ so.
28 W’ani abere me so+ na wo mmobɔmu abɛduru m’asom.+Enti me nso mede me daawa bɛwura wo hwene mu na mede me nnareka ato w’ano,+Na ɛkwan a wofaa so baa ha no, ɛno ara so na mɛma woafa akorɔ.”+
4 Mede akɔtɔkorɔ bɛhyehyɛ w’afono mu+ na mama Nil asuasu mu mpataa afemfam w’abena ho. Na mɛyi wo ne mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa afiri Nil asuasu mu.