20 Pia mu pia no ntwemu yɛ basafa aduonu, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu,+ na ne tenten yɛ basafa aduonu; ɔde sika amapa duraa mu,+ na afɔrebukyia+ no nso, ɔde tweneduro duraa ho.
8 Ɔyɛɛ Kronkron mu Kronkronbea+ no nso; ne ntwemu ne fie no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ: basafa aduonu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu.+ Ɔde sika pa a ne dodoɔ si dwetikɛseɛ ahansia na ɛduraa mu.