46 Na adidibea a animu kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia+ no soɔ no dea. Wɔn ne Sadok+ mma a wɔfiri Lewi abusua mu a wɔba Yehowa anim bɛsom no no.”+
15 “‘Na Sadok+ mma Lewi asɔfoɔ+ a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ berɛ a Israelfoɔ twee wɔn ho firii me ho+ no deɛ, wɔbɛbɛn me abɛsom me na wɔagyina m’anim+ de sradeɛ+ ne mogya+ abɔ afɔdeɛ ama me,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
11 Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no dea, Sadok+ mma a wɔate wɔn ho a wɔyɛɛ m’adwuma no. Yeinom na wɔamfiri m’akyi berɛ a Israelfoɔ firii m’akyi, sɛdeɛ Lewifoɔ no firii m’akyi no.+