46 Na adidibea a animu kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia+ no soɔ no dea. Wɔn ne Sadok+ mma a wɔfiri Lewi abusua mu a wɔba Yehowa anim bɛsom no no.”+
19 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Fa nantwinini kumaa baako ma Lewifoɔ asɔfoɔ+ a wɔyɛ Sadok+ asefoɔ a wɔba m’anim+ bɛsom me no, na wɔmfa yei mmɔ bɔne ho afɔdeɛ.+
15 “‘Na Sadok+ mma Lewi asɔfoɔ+ a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ berɛ a Israelfoɔ twee wɔn ho firii me ho+ no deɛ, wɔbɛbɛn me abɛsom me na wɔagyina m’anim+ de sradeɛ+ ne mogya+ abɔ afɔdeɛ ama me,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.