46 ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo akoma so,+ na moaka akyerɛ mo mma na wɔadi mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+
16 Na wɔn akyi no, wɔn a wɔde wɔn akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no firii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem+ sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ+ ama Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.
4 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,+ fa w’ani hwɛ na fa w’aso tie, na fa w’akoma si deɛ mɛkyerɛ woɔ nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔde wo aba ha sɛ menkyerɛ wo. Na ka deɛ wobɛhunu biara kyerɛ Israel fie.”+