7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+
20 mmom no, mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko+ kane ne afei Yerusalem,+ ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman+ no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmfa nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra so nnane mmra Onyankopɔn nkyɛn.+