3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode resan aba Yehowa nkyɛn+ a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo nkyɛn+ ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma mũ nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+
12 “Onipa ba, ka kyerɛ wo manfoɔ sɛ, ‘Da a ɔteneneeni bɛte atua no, ne tenenee ntumi nnye no.+ Na da a ɔbɔnefoɔ bɛsan afiri ne bɔne ho no, ne bɔne rento no suntidua.+ Saa ara na da a ɔteneneeni bɛyɛ bɔne no, ne tenenee no rennye no nkwa.+