19 Na ka kyerɛ asase no sofoɔ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn a wɔte Yerusalem wɔ Israel asase soɔ nie:+ “Wɔde ahoyera bɛdi wɔn aduane na wɔde ehu anom wɔn nsuo, na asase no bɛda mpan ama deɛ ɛwom nyinaa asa,+ wɔn a wɔte soɔ nyinaa amumuyɔ nti.+