Dwom 80:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Womaa bobe dua firii Egypt.+Wotuu amanaman no na woduaeɛ.+ Yesaia 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ma mento dwom mma me dɔfo, me dɔfo bobeturo ho dwom.+ Ná me dɔfo wɔ bobeturo wɔ kokoɔ so, asase pa bi so. Hesekiel 15:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Onipa ba, ɛdeɛn na bobe+ dua anaa bobe duforɔ a ɛwɔ kwaeɛ mu no de sene dua biara? Hesekiel 17:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛfifiiɛ na ɛde nkakrankakra nyini bɛyɛɛ bobe fɛfɛɛfɛ. Ankɔ soro,+ na ne mman ka buaa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase. Afei ɛbɛyɛɛ bobe, na ɛfefɛeɛ na ɛnyaa nkorabata.+
5 Ma mento dwom mma me dɔfo, me dɔfo bobeturo ho dwom.+ Ná me dɔfo wɔ bobeturo wɔ kokoɔ so, asase pa bi so.
6 Ɛfifiiɛ na ɛde nkakrankakra nyini bɛyɛɛ bobe fɛfɛɛfɛ. Ankɔ soro,+ na ne mman ka buaa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase. Afei ɛbɛyɛɛ bobe, na ɛfefɛeɛ na ɛnyaa nkorabata.+