20 deɛ ɛtɔ so nnum no yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia no yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson no yɛ sikabereɛboɔ,+ deɛ ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron no yɛ akraateboɔ,+ deɛ ɛtɔ so du no yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako no yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dumienu no yɛ beredumboɔ.+