14 Na ɔkyena anɔpa mmusuakuo mmusuakuo a ɛwɔ Israel nyinaa mmra mmaako mmaako, na abusuakuo a Yehowa bɛyie no,+ emu mmusua nso mmra mmaako mmaako. Afei abusua a Yehowa bɛyie no mu afie mmra mmaako mmaako. Na efie a Yehowa bɛyie no mu mmarima nso mmra mmaako mmaako.