Dwom 115:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;+Deɛ ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.+ Yesaia 26:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Hwɛ, Yehowa firi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofoɔ abu wɔn bɔne ho akonta, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwieguo+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+ Hesekiel 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na honhom bi maa me so,+ na metee biribi te sɛ ahum kɛseɛ+ bi wɔ m’akyi sɛ: “Nhyira mfiri ne tenabea hɔ nka Yehowa animuonyam.”+
21 Hwɛ, Yehowa firi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofoɔ abu wɔn bɔne ho akonta, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwieguo+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+
12 Na honhom bi maa me so,+ na metee biribi te sɛ ahum kɛseɛ+ bi wɔ m’akyi sɛ: “Nhyira mfiri ne tenabea hɔ nka Yehowa animuonyam.”+