Dwom 37:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio;+Na wohwehwɛ ne tenabea a, na ɔnni hɔ.+ Yesaia 10:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Ɛrenkyɛ koraa, abufuhyeɛ+ no to bɛtwa, na m’abufuo bɛsɛe wɔn.+ Hebrifoɔ 12:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Na sɛ ɔka sɛ, “Ɛbɛba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyi nneɛma a wɔrewosoɔ no afiri hɔ sɛ nneɛma a wɔayɛ,+ na ama nneɛma a wɔrenwosoɔ no atena hɔ.+
27 Na sɛ ɔka sɛ, “Ɛbɛba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyi nneɛma a wɔrewosoɔ no afiri hɔ sɛ nneɛma a wɔayɛ,+ na ama nneɛma a wɔrenwosoɔ no atena hɔ.+