Leviticus 19:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “‘Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua ne so ka,+ na nnya wo nkurɔfoɔ mma ho menasepɔ.+ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa. Marko 12:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sene yeinom.” Luka 10:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’+ ne ‘wo yɔnko sɛ wo ho.’”+ Kolosefoɔ 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na yeinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ+ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa+ a ɛyɛ pɛ. Yakobo 2:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Sɛ afei modi mmara titire*+ no so sɛdeɛ twerɛsɛm no ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no a, na morebɔ mmɔden paa. 1 Petro 1:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Afei a moayɛ aso ama nokorɛ no de adwira+ mo kra a deɛ afiri mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no,+ momfiri akomam+ nnodɔ mo ho mo ho dendeenden.
18 “‘Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua ne so ka,+ na nnya wo nkurɔfoɔ mma ho menasepɔ.+ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa.
27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’+ ne ‘wo yɔnko sɛ wo ho.’”+
8 Sɛ afei modi mmara titire*+ no so sɛdeɛ twerɛsɛm no ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no a, na morebɔ mmɔden paa.
22 Afei a moayɛ aso ama nokorɛ no de adwira+ mo kra a deɛ afiri mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no,+ momfiri akomam+ nnodɔ mo ho mo ho dendeenden.