Genesis 7:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Enti ɔpepaa biribiara a ɛte aseɛ firii asase so,+ ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, mmoa a wɔwea so kɔsi wiem ntuboa so, ɔpepaa wɔn firii asase so; na ɛkaa Noa ne wɔn a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.+ 2 Petro 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 na ɛnam so na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no.+
23 Enti ɔpepaa biribiara a ɛte aseɛ firii asase so,+ ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, mmoa a wɔwea so kɔsi wiem ntuboa so, ɔpepaa wɔn firii asase so; na ɛkaa Noa ne wɔn a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.+