Dwom 41:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ me ne no te asomdwoeɛ mu a mede me ho too ne soɔ mpo,+Deɛ na ɔdi m’aduane no,+ wama ne nantin so atia me.+ Marko 14:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ dumienu no mu baako a ɔne me de paanoo bɔ ayowa korɔ mu no.+ Luka 22:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “Nanso, hwɛ! deɛ ɔbɛyi me ama no+ nsa bɛn me wɔ pono so.+ Yohane 13:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Ɔno na mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei berɛ a ɔde paanoo sini no bɔɔ mu no, ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no.
9 Deɛ me ne no te asomdwoeɛ mu a mede me ho too ne soɔ mpo,+Deɛ na ɔdi m’aduane no,+ wama ne nantin so atia me.+
26 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Ɔno na mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei berɛ a ɔde paanoo sini no bɔɔ mu no, ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no.