Yeremia 29:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.’+ Yohane 14:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei nso biribiara a mobɛbisa me din mu no, mɛyɛ, na ama wɔahyɛ Agya no animuonyam Ɔba no mu.+ 1 Yohane 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 na biribiara a yɛbisa no,+ yɛnya firi ne hɔ, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.+