15 Akyire yi ɛbaa sɛ na ɔte adidiiɛ wɔ ne fie, na na togyefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree nso tete Yesu ne n’asuafoɔ no nkyɛn wɔ adidie no ase; na wɔdɔɔso, na wɔdii n’akyi.+
16 Na berɛ a atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne togyefoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ na ɛdidie?”+
39 Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no hunuiɛ no, ɔkaa no ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifoɔ+ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa reka no no sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”+