47 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! Yuda+ a ɔyɛ dumienu no mu baako, ne dɔm kɛseɛ bi a wɔkurakura nkrantɛ+ ne nkontimmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn baeɛ.+
18 Ɛnyɛ mo nyinaa mo ho asɛm na mereka; menim wɔn a mayi wɔn.+ Na mmom sɛdeɛ Twerɛnsɛm no bɛba mu+ sɛ, ‘Deɛ na ɔdi m’aduane no, wama ne nantin so atia me.’+