21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara deɛ a,+ anka ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi nso sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ.+
23 Nokorɛm mese mo sɛ obiara a ɔka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu,’ a ɔnnye kyim n’akomam na mmom ɔwɔ gyidie sɛ deɛ ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.+
6 Na Awurade kaa sɛ: “Sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa sikamino dua yi sɛ, ‘Tutu na kɔsi po mu!’ na anka ɛbɛtie mo.+
2 Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ+ akyɛdeɛ na menim ahuntasɛm kronkron+ nyinaa, mewɔ nimdeɛ+ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ,+ na menni dɔ a, mensɛ hwee.+