20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidie a ɛsua ntira. Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ do,’ na ɛbɛtu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yie mma mo.”+
21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara deɛ a,+ anka ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi nso sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ.+
6 Na Awurade kaa sɛ: “Sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa sikamino dua yi sɛ, ‘Tutu na kɔsi po mu!’ na anka ɛbɛtie mo.+
2 Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ+ akyɛdeɛ na menim ahuntasɛm kronkron+ nyinaa, mewɔ nimdeɛ+ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ,+ na menni dɔ a, mensɛ hwee.+