Mmebusɛm 21:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔsisi n’aso ɔbrɛfoɔ su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye ne so.+ Mateo 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Na sɛ mode nkurɔfoɔ mfomsoɔ firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo deɛ bɛfiri mo;+ Marko 11:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpaeɛ a, momfa biribiara a obiara ayɛ mo nkyɛ no;+ na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ afiri mo.”+ Luka 17:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim,+ na sɛ ɔnu ne ho a fa firi no.+ Efesofoɔ 4:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Mmom no, mo ne mo ho nni no ayamyɛ+ ne ayamhyehyeɛ+ so, na momfiri mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.
25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpaeɛ a, momfa biribiara a obiara ayɛ mo nkyɛ no;+ na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ afiri mo.”+
32 Mmom no, mo ne mo ho nni no ayamyɛ+ ne ayamhyehyeɛ+ so, na momfiri mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.