Mateo 12:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Berɛ a Yesu hunuu saa no, ɔfirii hɔ kɔeɛ. Nnipa bebree nso dii n’akyi na ɔsaa wɔn nyinaa yareɛ,+ Mateo 14:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Berɛ a ɔpue baeɛ no, ɔhunuu nnipakuo kɛseɛ bi; wɔyɛɛ no mmɔbɔ+ na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no yareɛ.+ Mateo 15:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Ɛnna nnipakuo pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifirafoɔ, mum, ne afoforɔ pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase maa no saa wɔn yareɛ;+ Luka 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nanso ne ho asɛm trɛɛ pii, na nnipakuo pii baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ.+
30 Ɛnna nnipakuo pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifirafoɔ, mum, ne afoforɔ pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase maa no saa wɔn yareɛ;+