Daniel 7:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔsisii adwa,+ na Deɛ ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwanten nwi fitafita.+ N’adwa yɛ gyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ egya a ɛrefram.+ Mateo 17:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na ɔsakraa wɔ wɔn anim maa n’anim hyerɛnee sɛ owia+ na n’atadeɛ yɛɛ hyɛnn sɛ hann.+ Mateo 28:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ná ne ho te sɛ anyinam,+ na n’atadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ Luka 9:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Na ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, n’anim hwɛbea+ sakraeɛ na n’atadeɛ yɛɛ fitaa hyɛnhyɛnhyɛn.+
9 “Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔsisii adwa,+ na Deɛ ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwanten nwi fitafita.+ N’adwa yɛ gyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ egya a ɛrefram.+