31 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa suntidua anadwo yi, na wɔatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no na nnwankuo no mu nnwan abɔ ahwete.’+
32 Hwɛ, dɔn no reba, na nokwasɛm nie, aduru sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fie+ na moagya me nko ara; nanso ɛnkaa me nko ara, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.+