-
Dwom 22:atifi asɛm-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
Yesaia 53:1-12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
53 Hwan na wagye deɛ yɛateɛ no adie?+ Na hwan na wɔayi Yehowa basa+ akyerɛ no?+ 2 Ɔbɛfifi sɛ duban+ wɔ n’anim, te sɛ nhini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na ɔnni animuonyam,+ na yɛhu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+
3 Nnipa buu no animtia, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ɔhunuu yea na ɔnim yareɛ.+ Na yɛde yɛn anim huntaeɛ na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtia, na yɛamfa no anyɛ hwee.+ 4 Nokorɛm no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa;+ ɔgyee yɛn yea hyɛɛ ne ho.+ Na yɛbuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso,+ wahwe no,+ na wama ne ho ahiahia no.+ 5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wɔpiraa no,+ na yɛn mfomsoɔ nti na wɔbubuu no.+ Ɔgyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoeɛ,+ na ɔde n’akuro+ saa yɛn yareɛ.+ 6 Yɛn nyinaa te sɛ nnwan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abɛgu ne so.+ 7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔɔ sɛ odwan a wɔrekɔku no,+ na te sɛ odwan a wɔretwitwa ne ho nwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+
8 Wɔhyɛɛ ne so de no kɔeɛ a wannya atemmuo;+ na hwan na ɔbɛha ne ho sɛ ɔbɛhunu n’ase?*+ Wɔtwaa no+ firii ateasefoɔ asase so.+ Me man mmarato+ nti na wɔboroo no.+ 9 Ne wuo mu no, wɔbɛsie no abɔnefoɔ+ ne adefoɔ mu,+ nanso wanni nsɛmmɔne biara,+ na nnaadaasɛm nni n’anom.+
10 Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ ɔbɛbubu no,+ na ɔmaa no yareeɛ.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodie afɔdeɛ a,+ ɔbɛhunu n’asefoɔ,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na deɛ ɛsɔ Yehowa ani+ bɛgyina.+ 11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu,+ na n’akoma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ teneneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea;+ na ɔno ara bɛsoa wɔn bɔne.+ 12 Ɛno nti mɛma no anya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asadeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde ne kra maa owuo,+ na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na ɔdi maa mmaratofoɔ.+
-